Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 22:5 - Apam Foforɔ

5 Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 22:5
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Sɛ ɔnam baakofoɔ mmarato so maa wuo faa nnipa nnommum saa kwane yi so a, mprɛ meɛhe ne bɛ a benyaa adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɔboro so he mmom ɔmmfa nipa baako, Yesu Kristo, so nya daa nkwa.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Kanea hann onhyerɛn ya ho mu bio. Na bɛnnte ayefokunu ne ayeforɔ nne ya ho mu bio. W’adwadifoɔ yɛ wiase mu nnipa titire. Na bɛde wo ntafowayie adaadaa amane nyinaa.


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


Nhyira ne bɛ a bɛate bɛ ho ama Awurade a benya kyɛfa sɔreeɛ a odi kane he mu. Saa nkurofoɔ he deɛ, wuprenu he nni bɛ so tumi, na mmom bɛbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na bɛne no bedi ahene mfie apem.


a ɔɔhyerɛn Nyankopɔn animuonyam mu. Na kuro he hyerɛn sɛ aboɔdenboɔ, sɛ ahwehwɛboɔ a mu te sɛ ahwehwɛ.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ