Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 22:2 - Apam Foforɔ

2 a, ɔtene fa kuro he abɔntene mfinimfini. Na nkwa dua a ɔsõ aba ahodoɔ dummienu sisi Asubɔntene he afanu nyinaa, na ɔsoso n’aba bosome biaa. Na dua he ahahane ne bɛde sa amane yadeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 22:2
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Kristo he ankasa soaa yɛ bɔne ya ne honam mu kɔɔ asennua he so sɛnea yebewu ama bɔne, na yɛatena ase tenenee mu. Ne mmaa ntampeɛ mu ne hoanya ayaresa.


Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’


Na bɛde nhwene pa dummienu ne yɔɔ apono dummienu he. Apono he mu biaa, bɛde ahwene pa baako ne yɔeɛ. Na kuro he abɔntene kɛseɛ yɛ sika mapa, kronkron a ɔte sɛ ahwehwɛ.


Ne hann he bɛhyerɛn asaase so amane nyinaa so, na asaase so amane sodifoɔ de bɛ animuonyam bɛba mu.


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


Nhyira nka bɛ a bɛahoro bɛ ntaadeɛ na afiri, na bɛ a bɛwɔ ho kwane sɛ bedi nkwa dua he aba na bɛfa kuro he pono he mu.


Na sɛ bi nso yi bi firi adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he mu a, Nyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya afiri nkwa dua he aba he ne kuro Kronkron a bɛakyerɛkyerɛ mu nwoma yi mu he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ