Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 21:9 - Apam Foforɔ

9 Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 21:9
10 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.


Homma yɛ ho nsɛpɛ yɛ na yɛ ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam, efiri sɛ, dwammaa he ayefohyia aduru, na ne yerɛ asiesie ne ho.


Bɔfoɔ he susuu afasuo he nso a na ne sorokɔ yɛ basafa ha aduannan nnan sɛnea na saa berɛ he nsusuiɛ a bɔfoɔ he nam so kaeɛ he teɛ.


Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ