8 Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”
Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.
Nti biaa a ɔgye Nyankopɔn Ba he di he wɔ saa adanseɛ yi ya n’akoma mu. Na nea ɔnnye Nyankopɔn nni he ama Nyankopɔn ayɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, wannye adanseɛ a Nyankopɔn di faa ne Ba he ho he anni.
he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.
Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.
“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.
Nso bibiaa a ho nte nkɔ kuro he mu. Saa ara ne bi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa odi atorɔ nkɔ mu. Bɛ a bɛatwerɛ bɛ dini ahyɛ Dwammaa he nkwa nwoma he mu he nkoaa na bɛbɛkɔ kuro he mu.
Na m’anisoadehunu he mu he, mehuu apɔnkɔ he ne bɛ akafoɔ. Na bɛ nkataboɔ he ahosu te sɛ gya, tumm te sɛ afasebiri, na ɔte sɛ sɔfe nso. Na apɔnkɔ he ti te sɛ gyata ti a gya, wusie ne sɔfe firi bɛ anum.