6 Nhyira ne bɛ a bɛate bɛ ho ama Awurade a benya kyɛfa sɔreeɛ a odi kane he mu. Saa nkurofoɔ he deɛ, wuprenu he nni bɛ so tumi, na mmom bɛbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na bɛne no bedi ahene mfie apem.
Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.
na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.
Ho nso hote sɛ aboɔ a nkwa yam a bɛnam so oosi honhom mu dane a ɔbɛyɛ asɔfokuo Kronkron a bɛnam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɔsɔ Nyankopɔn ani ya mu.
Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.
Afei metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Twerɛ yei: Honhom he dɛ, Nhyira ne awufoɔ a bewu Awurade mu firi seesei ɔɔkɔ yi, ampa, bɛbɛhome afiri bɛ brɛ he mu; na bɛ nnwuma di bɛ akyi.”
Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”