Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 20:4 - Apam Foforɔ

4 Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 20:4
40 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Na bebree bɛpa bɛ gyidie, na bebeyiyi bɛ ho bɛ ho ama na bɛatentane bɛ ho bɛ ho.


Na Herode teeɛ he, ɔkaa sɛ, “Eei! Yohane a metwaa ne ti he anyane?”


Ntɛmaa, hene he somaa abammɔfoɔ he mu sraani baako sɛ ɔmfa Suboni Yohane ti mmara. Nti okotwaa ne ti afiase hɔ,


Na afei bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he ka sɛ ɔsɛ sɛ Elia di kane ba?”


Na ɔde Elia honhom ne tumi bedi Awurade anim na wadane agyanom akoma aba bɛ mma so asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie mane he ama Awurade.”


na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”


na hoadidi anom me pono so m’ahennie mu, na hoatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


Aaka kakra na wiase nhu me bio, na ho deɛ hobehu me efiri sɛ, mete ase, nti ho nso hobɛtena ase.


Na sɛ bɛpo a bɛpoo bɛ he bɛyɛ wiase mpataa a, hedeɛ bɛ gyeɛ nso bɛyɛ nkwa a ofiri wuom!


na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Na Yohane dii adanseɛ faa Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo ne nea ohuiɛ nyinaa ho.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Na nnansa ne fa akyi he, honhom a ofiri Nyankopɔn bewuraa bɛ mu na bɛsɔre gyinaeɛ. Na hu kɛseɛ kãã biaa a ohuu bɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Mɛsoma m’adansefoɔ mmienu a befirafira ayitoma, na bɛaka adiyisɛm nna apem ahanu ne aduosia.”


Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Na gya he wusie a ɔhyɛ bɛ aniɔyeyaa he foro kɔ soro daa daa. Na bɛ a bɛsomm aboa he ne ne sɛso honyini he onnya home biaa, awia anaa anadwo.”


Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


“Deɛ odi nkunim na ɔkɔ so yɔ nea mepɛ kosi awieeɛ he, mɛma no amane so tumi,


Nhyira ne bɛ a bɛate bɛ ho ama Awurade a benya kyɛfa sɔreeɛ a odi kane he mu. Saa nkurofoɔ he deɛ, wuprenu he nni bɛ so tumi, na mmom bɛbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na bɛne no bedi ahene mfie apem.


Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


Na ahennwa aduonu nnan atwa ahennwa he ho ahyia a mpanyimfoɔ aduonu nnan tete so a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa na sikakɔkɔɔ abotire bobɔ bɛ ti.


Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase.


Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Honnsɛe asaase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛbɛhyɛ Nyankopɔn nkoa he nso bɛ moma so.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ