Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 2:9 - Apam Foforɔ

9 “Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 2:9
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”


Saa ne nipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ fa nso ɔnyɛ defoɔ Nyankopɔn fam he teɛ.”


Na bɛkɔɔ so kekaa abususɛm bebree tiaa no.


“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Na Yesu maa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ he firii aseɛ kaa sɛ. “Nhyira ne ho ahiafoɔ, efiri sɛ ho ne Nyankopɔn ahennie he yɛ ho dea.


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”


Na metwee bɛ aso mprɛ pii hyia adane nyinaa mu sɛnea bɛbɛka bibi de apo bɛ gyidie. Na esiane m’ani a na abere bɛ so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa bɛ hɔ.


Homma ho ani nnye anidasoɔ mu, honto ho boase amaneɛ mu, hontu ho ho nsi hɔ ma mpaebɔ.


Nso sɛ wofrɛ wo ho Yudani, na wode wo ho to mmara he so, na wohoahoa wo ho Nyankopɔn mu,


Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,


Hwane ne bɛte yɛ afiri Kristo dɔ ho? Ahokyerɛ mu oo, ateetee mu oo, taa mu oo, kɔm mu oo, adagyada mu oo, amaneɛ mu oo, wuo mu oo; bibiaa nni hɔ a obetumi ate yɛ afiri Kristo dɔ ho.


Na ɔnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm he adi hwammɔ. Na ɔnyɛ bɛ a befiri Israel nyinaa ne bɛyɛ Israelfoɔ mapa,


sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa.


ɔne sɛ bɛ ahohia sɔhwɛ kɛseɛ mu he, berɛ a na bɛya hia bebree mu mpo he, bɛ anigyeɛ buu so maa beyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.


Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.


Nɔkwasɛm ne sɛ, na yɛne ho ya hɔ he, yedii kane ka kyerɛɛ ho sɛ bɛbɛteetee yɛ, na yɛkaeɛ he ɔbaa mu saa sɛnea honim he.


ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


“Menim sɛ faako a wote he, hɔ ne Satan ahennwa si, nso wokuraa me dini mu, na woampa me gyidie, nna a bekuu me danseni nɔkwafoɔ Antipa a na ɔne ho ya hɔ, deɛ a Satan te he.


“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.


Nso ho a hoya Tiatira a honni saa nkyerɛkyerɛ bɔne he akyi he, na honnsua nea afoforɔ frɛ no Satan asumansɛm he deɛ, meeka makyerɛ ho sɛ, memmfa adesoa biaa nto ho so.


Hwɛ! Mɛma bɛ a befiri Satan hyiadane mu, a bedi torɔ ka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ bi he abɛkoto wo nane ase, na bɛ nyinaa ahu sɛ medɔ wo.


Mebuaa sɛ “Owura, wo ne wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne bɛ a bɛafiri taa mu, na bɛde Adwamaa he mogyaa ahohoro bɛ ntaadeɛ ama ayɛ fitaa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ