7 Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’
Afei metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Twerɛ yei: Honhom he dɛ, Nhyira ne awufoɔ a bewu Awurade mu firi seesei ɔɔkɔ yi, ampa, bɛbɛhome afiri bɛ brɛ he mu; na bɛ nnwuma di bɛ akyi.”
Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.
“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”
a, ɔtene fa kuro he abɔntene mfinimfini. Na nkwa dua a ɔsõ aba ahodoɔ dummienu sisi Asubɔntene he afanu nyinaa, na ɔsoso n’aba bosome biaa. Na dua he ahahane ne bɛde sa amane yadeɛ.