Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 2:5 - Apam Foforɔ

5 Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 2:5
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Hoyɛ wiase hann. Kuro a ɔda mmepɔ so ntumi nhinta.


Nipa biaa nsɔ kanea mmfa nnhyɛ atam ase, na mmom bɛde si kanea dua so, na ahyerɛn ama nnipa a bɛya fie hɔ nyinaa.


Nea bɛayɔ yi hosusu sɛ mmɛ ne bobe turo wura he de bɛyɔ bɛ? Ɔbɛba abɛsɛe ahwɛfoɔ he, na ɔde bobe turo he ahyɛ nnipa foforɔ nsa.


Na ɔde Elia honhom ne tumi bedi Awurade anim na wadane agyanom akoma aba bɛ mma so asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie mane he ama Awurade.”


Ɔbɛba abɛsɛe nhwɛsofoɔ yi na ɔde bobe turo he ama nnipa foforɔ.” Bɛtee yei he bɛkaa sɛ, “Nyankopɔn mpa ngu!”


Wo a wopɛ sɛ bɛde mmara bu wo bem he woate wo ho afiri Kristo ho; woahwe ase afiri adom ho.


na ho ho amma asɛm biaa, na hoadi bem, sɛ Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni bɛ ho, nnɛ abusua a bɔne ahyɛ bɛ ma na bɛamane afiri wiase a hohyerɛn mu sɛ nsoromma,


Nso honkae kane nna he a hohuu hann he, sɛ hode animia gyinaeɛ, kõ dendene amanehunu mu,


Nso, adɔfonom, ho deɛ honim yei dada. Honhwɛ ho ho so yie, na bɛ a benni mmara so annaadaa ho ama hoamfiri ho tim a hoatim he mu anhwe ase.


Na nea obetumi asɔ ho mu na hoansonti, na ɔde ho asi n’animuonyam anim sɛ nnipa a benni dɛm ahosane mu he,


Nsoromma nson a wohu no me nsa nifa mu ne sika nkaneadua he nkyerɛaseɛ a ɔyɛ ahintasɛm he di: Nsoromma nson he yɛ asafo nson he abɔfoɔ, na nkaneadua nson he nso yɛ asafo nson he.”


Awia he hyeɛ yaayaa he hyee nnipa ma bɛkaa Nyankopɔn a ɔwɔ saa haw yi nyinaa so tumi he dini he ho abususɛm. Nso bɛannu bɛ ho anhyɛ no animuonyam.


“Sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɔɔnkyɛre biaa mɛba wo nkyɛne de nkrantɛ a ofiri m’anum he abɛko atia saa nnipa he.


“Menim wo nnwuma. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne wo boasetɔ. Menim sɛ wooyɔ adwuma sene kane he.


“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.


Mekɔ so twe bɛ a medɔ bɛ he nyinaa aso. Nti bɔ mmɔdene na sakra w’adwene.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ