Na yɛnhoahoa yɛ ho mma ɔntra so nkoduru binom adwuma ho, na yɛ ani da so sɛ, ho gyidie nyini a, yɛbɛyɔ ho mu kɛseɛ aboro so, sɛdeɛ adwuma a ɔde hyɛɛ yɛ nsa he teɛ
Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.
Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.
Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.
Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,