Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 2:25 - Apam Foforɔ

25 Na honsɔ nea howɔ he mu dene nkosi sɛ mɛba.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 2:25
16 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na sɛ mekosiesei baabi ma ho a, mɛba bio, na mabɛfa ho akɔ me nkyɛne, na nea meya he ho nso hoaba hɔ.


Bɛ mu baako a bɛfrɛ no Agabo sɔreeɛ, na ɔnam Honhom so hyɛɛ nkɔm sɛ kɔm kɛseɛ bi ɔɔba asaase nyinaa so, na nkɔmhyɛ yi baa mu Klaudio berɛ so.


Hommma nyaatwom mfra dɔ mu; hontane nea ɔyɛ bɔne, honkura nea ɔyɛ papa mu;


Na da biaa a hobedi paanoo he na hobɛnom kuruwaa yi ano he, hopae mu ka Awurade wuo he kosi sɛ ɔbɛba.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


Homma yɛnhimhim na mmom yenkura yɛ anidasoɔ asɛm a yɛka he mu dene, efiri sɛ deɛ waahyɛ bɔ he yɛ nɔkwafoɔ.


Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.


Esiane sɛ yɛwɔ sɔfopanyini kɛseɛ a waforo akɔ soro, Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn Ba he nti, homma yɛnsɔ yɛ gyidie asɛm a yɛpae mu ka he mu,


Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!


Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba.” Nhyira nka bɛ a betie adiyisɛm a ɔya saa nwoma yi mu he!


Ɔnkyɛre biaa mɛba. Sɔ nea wowɔ he mu dene, na bi annye wo nkunim abotire he.


Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ