Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 2:2 - Apam Foforɔ

2 “Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 2:2
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na mɛpae mu aka akyerɛ bɛ sɛ, Mennim ho da; homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔɔ nnebɔne.


Obisaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, efiri sɛ na ɔno ankasa nim nea ɔɔbɛyɔ.


nso asɛmpa foforɔ biaa nni hɔ, na mmom binom ya hɔ a bɛɛsɛe ho adwene, na bɛpɛ sɛ bɛdane Kristo asɛmpa he.


sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


honsɔ bibiaa nhwɛ, na honsɔ deɛ ɔyɛ he mu yie;


sɛ yei nyina mu he Nyankopɔn fapem da soaa gyina hɔ pintinn a ho ntwerɛeɛ ne sɛ: “Awurade nim ne deɛ,” ɔne, “ma nea ɔbɔ Awurade dini biaa ntwe ne ho mfiri amumuyɔ ho.”


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


Adɔfo, honnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom honsɔ ahonhom he nhwɛ sɛ befiri Nyankopɔn anaa; efiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.


Kae baabi a wofiri hwee ase. Sakra w’adwene firi bɔne ho na yɔ sɛnea kane he na woyɔ he. Sɛ woansakra amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛne abeyi wo kaneadua he afiri ne sibrɛ.


“Nso adepa a mahu ne wo ho ne sɛ, wokyiri Nikolaifoɔ nwuma he, na saa ne me nso mekyiri.


“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.


“Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.


“Menim wo nnwuma. Wo a wonyɛ nwunu, wo nso a wonyɛ hye. Sɛ woyɛ nwunu anaa hye a, nka ɔyɛ!


“Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede pono bi a mabie a bi ntumi ntom asi w’anim. Menim sɛ wowɔ tumi ketewa bi deɛ, nso woadi me nkyerɛkyerɛ he so na woampa me dini.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ