Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 19:9 - Apam Foforɔ

9 Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 19:9
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na meeka akyerɛ ho sɛ, menni bio kosi da a ne nkyerɛaseɛ paa he bɛbam Nyankopɔn ahennie mu.”


Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.


Asɛm he yɛ nɔkwasɛm a ɔsɛ sɛ bɛgye tom koraa a akyinnye biaa nni ho.


Nɔkwasɛm di: sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛsɔre nso;


Ɔyɛ nɔkwasɛm paa. Na yeinom ne mehwɛ sɛ wohyɛ mu kena, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛabɛgye Nyankopɔn adi he bɛhwɛ yei sɛ bɛde bɛ ho bɛma nnwuma pa; yeinom ne yɛ paa na ɔyɛ mfasodeɛ ma nnipa.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Nti afei twerɛ nnoɔma a wohu; nea wohu no seesei ne nea ɔbɛba akyire he.


Bɛka saa pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nso metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Ma nsɛm a apranaa nson he kaeɛ he nka wo tim. Ntwerɛ!”


Afei metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Twerɛ yei: Honhom he dɛ, Nhyira ne awufoɔ a bewu Awurade mu firi seesei ɔɔkɔ yi, ampa, bɛbɛhome afiri bɛ brɛ he mu; na bɛ nnwuma di bɛ akyi.”


Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.


efiri sɛ, Nyankopɔn de ahyɛ bɛ akoma mu sɛ bɛbɛyɔ adwene korɔ de bɛ ahennie ama aboa he na wadi hene akosi sɛ Nyankopɔn asɛm he bɛba mu.


“Twerɛ krataa kɔma Efeso asafo mu bɔfoɔ he, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ofiri nea a okita nsoromma nson ne nsa nifa mu a, ɔnante sika nkaneadua nson he ntam he nkyɛne.


“Twerɛ krataa yi kɔma bɔfoɔ a ɔya Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi nea ɔwɔ nkrantɛ anofanu a ɔnam he nkyɛne.


“Twerɛ krataa kɔma bɔfoɔ a ɔya Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Nyankopɔn Ba a n’ani dɛre sɛ gyaframa a ne nane ase hyerɛn sɛ yaawa he nkyɛne.


“Twerɛ krataa yi kɔma Smirna asafo mu bɔfoɔ he sɛ: ‘Saa asɛm yi firi kannifoɔ ne kyidifoɔ he nkyɛne. Ɔno ne wuiɛ, na ɔte ase bio he.


Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.”


Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.


“Twerɛ krataa kɔma Sardi asafo he mu bɔfoɔ sɛ: “Yei ne nsɛm a ofiri nea ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson he nkyɛne. “Menim wo nnwuma; wowɔ dini sɛ wote ase deɛ, nso woawu.


“Twerɛ krataa kɔma Laodikea asafo mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Amen a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ a ɔyɛ bibiaa a Nyankopɔn bɔeɛ he abɔseɛ nkyɛne.


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ