Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 19:8 - Apam Foforɔ

8 Bɛde nwera pa a ani hyerɛn na ani te maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera pa he ne ahoteefoɔ tenenee adeyɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 19:8
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔsakraa bɛ ani so, na n’anim hyerɛnn te sɛ awia, na ne ntaadeɛ yɛɛ fitafita te sɛ hann.


na obisaa no sɛ, ‘Damfo, ɔyɛɛ dɛ na wonhyɛ ayefohyia ataadeɛ he bi, na nso wotumi bewuraa mu yi?’ Na akoa he tɔree mmum.


na ne ntaadeɛ hyerɛnn fitafita sene deɛ asaase so ntomasifoɔ biaa betumi ama no ayɛ.


Berɛ a bɛ tirim ayɛ bɛ kesenenee he, hwɛ, mmeema mmienu a bɛhyehyɛ ntaadeɛ nahanaha begyinaa bɛ nkyɛne.


Na ɔɔkɔ na asuafoɔ he ɔɔhwɛ soro haa he, mpofiremuaa nnipa mmienu bi a bɛhyɛ ntaadeɛ fitaa begyinaa ne nkyɛne.


Na mmom, homfa Awurade Yesu Kristo nhyɛ (sɛ ataadeɛ), na homma kwane mma honam, akɔnnɔ nni ho so!.


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Abɔfoɔ nson a bɛmaa bɛ tumi sɛ bɛmfa haw nson mmra he pie firii asɔredane he mu a na bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa a sikakɔkɔɔ aboomu bɔ bɛ mu.


Soro asraafoɔ a bɛhyehyɛ nwera fitaa a ani te a bɛtete pɔnkɔ fitaa so dii n’akyi.


Nti metu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ a bɛabere ho gya mu, firi me nkyɛne sɛnea ɔbɛma woayɛ defoɔ. Afei tɔ ntaadeɛ fitaa hyɛ fa kata w’adagya a ama w’anim agu ase he so. Afei tɔ aniduro sra w’ani so sɛnea wobehu adeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ