Nso berɛ a ɔyɔɔ sɛ obetu saa anammɔn he pɛ ne Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛso mu, kaa sɛ, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria a ɔyɛ w'asiwa-yerɛ he akɔ wo fie, efiri sɛ, abɔfra a ɔnyem no he firi Honhom Kronkron.
Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.
Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.
Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”
Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.
Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”