Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 17:14 - Apam Foforɔ

14 Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 17:14
41 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛafrɛ bebree nso kakraa bi na bɛayi bɛ.”


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


ho a bɛabɔ ho dini afrɛ ho ama Yesu Kristo he, ho nso hoka ho bi.


Na bɛ a oyii bɛ sii hɔ he, ɔfrɛɛ bɛ nso; na bɛ a ɔfrɛɛ bɛ he, buu bɛ bem nso; na bɛ a obuu bɛ bem he, hyɛɛ bɛ animuonyam nso.


Nso, yeinom nyinaa mu he yɛnam nea ɔdɔ yɛ he so adi nkunim.


ansa na awieeɛ he ɔde ahennie he ahyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔdene ne tumidie nyinaa agu.


Ɔno Nyankopɔn ne bɛkyerɛ berɛ a ɔsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ korɔ he, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Sraani biaa nni hɔ a ɔkɔ sa de asetena mu nsɛm bebare ne ho, sraani he botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɔ ne panyini ani.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.


Bɛyɛ ahohommɔne a bɛyɔ anwanwadeɛ. Saa ahohom mmeɛnsa yi kɔɔ ahene a bɛya asaase so nyinaa nkyɛne kɔka bɛ nyinaa boa ano ma Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ he mu ko he.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


“Menim sɛ faako a wote he, hɔ ne Satan ahennwa si, nso wokuraa me dini mu, na woampa me gyidie, nna a bekuu me danseni nɔkwafoɔ Antipa a na ɔne ho ya hɔ, deɛ a Satan te he.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ