Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 16:8 - Apam Foforɔ

8 Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu awia so na bɛmaa awia tumi sɛ ɔmfa ne hyeɛ yaayaa he nhye nnipa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 16:8
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na berɛ a awia pieeɛ he, esiane sɛ benni nhini nti, ne nyinaa twintwameeɛ, na ɔhyee koraa.


“Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia ne bosome ne nsoromma mu, na amanamane ho ayera bɛ asaase so a benhu nea bɛbɛyɔ esiane po a oohuru na oobu fa so nti,


Awia beduru sum, na bosome nso adane sɛ mogyaa, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɔhyerɛn he aba.


Bɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ gya so firi afɔrebokyia he mu pieeɛ. Ɔteaa bɔfoɔ a okita kantankrankyi nnamnnam he sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam he twitwa asaase so bobe aba akuoakuo he, efiri sɛ, n’aba he abere.”


Na mehuu sɛ ɔtee nsɔano a ɔtɔ so nsia he ano. Na asaasewosoɔ a ano ɔdene ba maa awia yɛɛ tumm sɛ birisie, na bosome yɛɛ kɔɔ sɛ mogyaa.


Kɔm ɔnne bɛ bio. Awia anaa ahuhuro biaa ɔnnhye bɛ bio,


Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.


Nsoromma he biee amena donkodonko he, na wusie kumoo firi mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wusie he maa awia hann ne mframa a ɔya hɔ he yɛɛ tumm.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ