12 Bɔfoɔ a ɔto so nsia he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asubɔntene Eufrate mu. Nsuo he weweeɛ na ɔdanee kwane maa ahene a befiri awia apieeɛ.
Haw a ɔtɔ so mmienu he atwam, nso, hwɛ, ɔnkyɛre na haw a ɔto so mmeɛnsa nso aba.
Bɔfoɔ he nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohuiɛ a dwamanfoɔ he te so he yɛ nkuro ne nkurofoɔ akuoakuo ne amane ne kasa ahodoɔ.
Na mehuu bɔfoɔ foforɔ a ofiri awia apieɛ ɔɔba a okita Nyankopɔn teasefoɔ he nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ nnan he a na Nyankopɔn ama bɛ tumi sɛ bɛnsɛe asaase ne po he.
Nne he ka kyerɛɛ bɔfoɔ a ɔto so nsia a okita totorobɛnto he sɛ, “Sansane abɔfoɔ nnan a bɛakyekyere bɛ asubɔntene Eufrate ho he.”