Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 15:7 - Apam Foforɔ

7 Afei ateasefoɔ nnan he mu baako maa abɔfoɔ nson he sikakɔkɔɔ nkuruwaa nson a, Nyankopɔn a ɔte ase daa daa he abufuo ahyɛ no ma.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 15:7
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

efiri sɛ, mantam he mufoɔ kaa gye a hogyee yɛ baa ho nkyɛne, ɔne sɛnea hodane firii abosonsom mu baa Nyankopɔn nkyɛne, bɛsomm nɔkorɛ Nyankopɔn a ɔte ase,


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


na ɔde deɛ ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asaase ne po ne nea ɔya mu nyinaa he dini kaa ntam. Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Bɛntwentwɛne bɛ nana ase bio.


he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.


Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.


Bɔfoɔ a odi kane he kohwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asaase so. Akuro a ohu na ɔyeya tutuu bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ ho agyinaeɛ he ne bɛ a bɛsomm ne sɛso honyini he nso.


Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo.


Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”


Sɛ bɛyɔ saa a, mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutu nea ɔte ahennwa he so he anim sɔre nea ɔte hɔ daa daa he. Betu bɛ ahenkyɛ gu ahennwa he anim ka sɛ,


Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ