Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 15:4 - Apam Foforɔ

4 Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 15:4
44 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na wɔama Amanamane mufoɔ ahyɛ Nyankopɔn animuonyam ne mmɔborɔhunu nti. Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nti mɛbɔ wo dini Amanamane mufoɔ mu, na mato wo dini ho ayeyie nnwomu”;


na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔsɛ sɛ hoyɛ kronkron, efiri sɛ, meyɛ kronkron.”


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”


Metee sɛ bɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so he ɔɔka sɛ, “O Kronkronni a wotene, na woya hɔ, na woya ha firi tetentredee, w’atɛne a wobuiɛ he yɛ atɛntenenee.


Na metee sɛ nne bi firi afɔrebokyia he mu a ɔdɛ: Ɛɛ! Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nɔkorɛ ne tenenee.


efiri sɛ, n’atemmuo yɛ nɔkorɛ na ɔtene sɛ obuu dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asaase he atɛne, na ɔtɔɔ ne nkoa mogyaa so werɛ ne nsa mu.”


Bɛde nwera pa a ani hyerɛn na ani te maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera pa he ne ahoteefoɔ tenenee adeyɔ.


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”


Bɛde nne a ano ɔdene kaa sɛ, “O Awurade Tumfoɔ, kronkronni ne nɔkwafoɔ! Wobɛtwentwɛne wo nane ase akosi da bɛ na woabu atɛne atua nnipa a bɛya asaase so ka yɛ mogyaa ho?”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ