Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 15:3 - Apam Foforɔ

3 Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 15:3
49 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Na Mose deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ somfo, na odii adanseɛ faa nsɛm a Nyankopɔn bɛka no akyire he ho.


“Mene ahyɛaseɛ ne awieeɛ,” Awurade Nyankopɔn ne ɔɔka, ɔno ne ya hɔ seesei na ɔya hɔ firi tetentredee na ɔya hɔ daa, ade nyinaa so tumfoɔ, he.


kaa sɛ: Yɛda wo ase, Awurade Nyankopɔn a woyɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a na woya hɔ firi tetentredee, na woya hɔ nnɛ nso, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene.


Na bɛtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ nnan ne mpanyimfoɔ he anim, na biaa antumi ansua dwom he, gye nnipa mpem ha aduannan nnan a bɛagye bɛ afiri asaase so he nko.


Bɔfoɔ a ɔto so mmienu dii akyire kaa sɛ, “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ ahwe ase, efiri sɛ waama amanamane nyinaa anom n’adwamammɔ nsa dendene he bi.”


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Na bɛatwerɛ dini “Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” agu n’ataadeɛ mu ne ne nane ho.


efiri sɛ, n’atemmuo yɛ nɔkorɛ na ɔtene sɛ obuu dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asaase he atɛne, na ɔtɔɔ ne nkoa mogyaa so werɛ ne nsa mu.”


Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ