Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 15:2 - Apam Foforɔ

2 Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 15:2
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


Anuanom, hommma amanehunu a hoohu he nyɛ ho nwowa te sɛ nea hontee ho asɛm da.


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Afei mehuu sɛ aboa bi apie po he mu ɔɔba. Na ɔwɔ mmɛne du ne tire nson a, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛne he so a abusudini bobɔ tire he ho.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


Biaa nni ho kwane sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔno gye sɛ bɛde aboa he dini anaa ne dini akonta ntwerɛeɛ he hyɛ ne ho agyinaeɛ.


Ahwehwɛboɔ ne ɔde too afasuo he. Na kuro he deɛ, sikakɔkɔɔ mapa a ɔyɛ hyerɛnn te sɛ ahwehwɛ na bɛde toeɛ.


Na bibi te sɛ ahwehwɛ po a ɔyɛ krɔgyee sɛ ahwehwɛ da ahennwa he anim. Na ateasefoɔ nnan a ani tuatua bɛ anim ne bɛ akyi atwa ahennwa he ho ahyia.


Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ