Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 14:7 - Apam Foforɔ

7 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 14:7
44 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa nti honwɛne, efiri sɛ honnim da anaa dɔnhwere korɔ he a (Nipa Ba he bɛba.)


Nti bɛanhu bɛ mu biaa a wasane n’akyi ammfa animuonyam ammra Nyankopɔn ka beema a ɔyɛ manfrani yi ho?”


“Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.


Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.


Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.


Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he.


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Awia he hyeɛ yaayaa he hyee nnipa ma bɛkaa Nyankopɔn a ɔwɔ saa haw yi nyinaa so tumi he dini he ho abususɛm. Nso bɛannu bɛ ho anhyɛ no animuonyam.


N’amanehunu he hu a ɔyɛ nti, bebegyina akyirikyiri asu sɛ, “Due! Due! O! kuro kɛseɛ, O Babel, kuro a ɔwɔ tumi. Hwɛ! dɔnhwere baako pɛ mu, na w’atemmuo aba.”


efiri sɛ, dɔnhwere pɛ mu, na saa ahonya dodoɔ yi asa.” Nsuomhyɛnkafoɔ, ne hyɛne he mu nnipa, ne hyɛne he mu adwadifoɔ, ne bɛ a bɛka ho a benya bɛ ano aduane firi hyɛne adwumayɔ mu he nyinaa gyinaa akyirikyiri


Na bɛde mfuturo guu bɛ atifi, na bɛde sũ ne gyam teaa mu sɛ: Due! Due! Kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti bɛ a bɛya hyɛne mu ya po so nyinaa anyinya bɛ ho ya mu, hwɛ! Dɔnhwere baako pɛ mu na bɛayɛ no pasaa.


Afei nne bi firi ahennwa he so baa sɛ, “Honkamfo yɛ Nyankopɔn, ho a hoyɛ ne nkoa, ne ho a hosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nkumaa!”


“Yɛ Awurade ne Nyankopɔn; wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, efiri sɛ, wo ne wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ mu nti na bɛya hɔ, ne bɛbɔeɛ.”


Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase.


Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ