6 Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.
nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.
Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.
Na mehuu kɔdeɛ bi sɛ a watu nam sorosoro, na metee sɛ ɔɔteam sɛ, “Bɛ a bɛte asaase so he nnue; honnue, honnue ɔnam totorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmeɛnsa he ɔɔbɛhyɛne he nti.”