Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 14:4 - Apam Foforɔ

4 Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 14:4
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na binom ya hɔ a bɛwoo bɛ he na bɛ ho nni hɔ, na binom nso ya hɔ a, nnipa ne ama bɛ ayɛ saa, na binom so ya hɔ a bɛ ankasa, ne soro ahennie he nti, bɛayɔ ama bɛ ho nni hɔ. Deɛ obetumi agye yei he, ɔnye.”


Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.


Twerɛfoɔ bi baa ne nkyɛne sɛ, “Kyerɛkyerɛni, medi w’akyi baabi a wobɛkɔ biaa.”


Me nnwane te me nne. Menim bɛ, na bedi m’akyi.


Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, mmɛ nti ne mentumi nni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.”


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mene wiase hann. Nea odi m’akyi he nnante sum mu da, na obenya nkwa hann he.”


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Afei anuanom, honim sɛ Stefano fiefoɔ ne nnipa a bedii kane de bɛ ho maa asɛmpa he ya Akaia, na bɛde bɛ ho ama ahoteefoɔ som he.


Efiri sɛ ɔtɔɔ ho aboɔdene; nti homfa ho nipadua nhyɛ no animuonyam.


Na sɛ woware a, wonyɔɔ bɔne, na sɛ babunu ware a, ɔnyɔɔ bɔne. Na bɛ a bɛware he fa abrabɔ mu ahohiahiam, na mempɛ sɛ hobɛfa mu bi.


Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.


yei ne yɛ agyapadeɛ he nyinasoɔ kosi sɛ yɛ nsa bɛka ama yɛayi Nyankopɔn ayɛ animuonyam mu.


na ɔde no asi hɔ ama ne ho animuonyam mu a dɛmdie, nkekaeɛ, anaa bibiaa a ɔte saa nni ne ho, na mmom ayɛ kronkron a onni dɛm biaa.


besi awadeɛ ho kwane ka sɛ, nnipa ntua bɛ ho nnuane a Nyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne bɛ a bɛahu nɔkorɛ mfa aseda nni bi he;


ne mmakane a bɛatwerɛ bɛ dini soro ahennie mu nhyiamu ase ne Nyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temufoɔ, ne ahoteefoɔ ahonhom a bɛayɛ no pɛ,


Ɔnam n’asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ so ne woo yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔno ankasa ne pɛ bɛba mu, na yɛabɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a odi kane.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.”


Na manhu asɔredane ya kuro he mu baabiaa, efiri sɛ, na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa he ne yɛ n’asɔredane.


Na kuro he nhia awia anaa bosome hann, efiri sɛ, na Nyankopɔn animuonyam hyerɛn mu, na kuro he kanea ne Dwammaa he.


“Nso ho mu kakraa bi a bɛya Sardi he mfaa wiase nkekaeɛ nkekaa bɛ ntaadeɛ mu. Na bɛ ne me bɛnante berɛ a bɛhyɛ ntaade fitaa, efiri sɛ, bɛfata sɛ bɛyɔ saa.


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ