Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 14:1 - Apam Foforɔ

1 Afei mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu Adwamaa he sɛ ogyina Sion Bepɔ so. Na nnipa mpemha aduannan nnan ka ne ho a bɛatwerɛ ne dini ne n’agya dini bɛ moma so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 14:1
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔgye me tom nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛgye no atom Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ, meeto fapem bi Sion a ɔbɛto nnipa bebree sintidua, botane a ɔbɛma bɛahwe ase, na biaa a ɔbɛgye no adi biaa nsa onsi fam.”


Na mehwɛeɛ, na hwɛ, mununkum fitaa bi a na abɔdeɛ bi a na ɔte so he te sɛ nipa a sikakɔkɔɔ abotire bɔ ne ti na okita kantankrankyi nnamnnam bi di.


Na bɛtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ nnan ne mpanyimfoɔ he anim, na biaa antumi ansua dwom he, gye nnipa mpem ha aduannan nnan a bɛagye bɛ afiri asaase so he nko.


Na yeinom akyi he, mehuu sɛ asɔredane a ɔyɛ adanseɛ ntomadane a ɔya soro he abie.


Bebehu n’anim na bɛbɛtwerɛ ne dini agu bɛ moma so.


Nea obedi nkunim he, mɛma no ayɛ me Nyankopɔn asɔredane he fapem titire, na ommfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Nyankopɔn dini ne me Nyankopɔn kuro dini a ɔyɛ Yerusalem foforɔ a obefiri soro me Nyankopɔn nkyɛne aba he agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me dini foforɔ agu ne ho.


Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”


Mehwɛeɛ na hwɛ, pɔnkɔ nsõnsõ bi di. Bɛtoo ne sotefoɔ he dini sɛ Wuo. Na Asamando nso di n’akyi pɛɛ. Bɛmaa bɛ asaase nkyemu nnan mu baako so tumi sɛ bɛmfa afena ne kɔm ne wuo ne asaase so nkekaboa nkuku bɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ