Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 13:8 - Apam Foforɔ

8 Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 13:8
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Nso honnni yei ho ahurusie, sɛ ahonhom abrɛ bɛ ho ase ama ho, na mmom honni ahurusie sɛ bɛatwerɛ ho dini soro.”


Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di!


sɛnea oyii yɛ Kristo mu ansa na bɛtoo wiase fapem sɛ yɛbɛyɛ kronkron, na yɛ ho ɔmma asɛm n’anim.


Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


Afei wɔ he puu n’anum nsuo te sɛ asubɔntene guu baa he akyi, sɛ nka ɔmfa no.


Na ɔwɔ aboa a odi kane he ahoɔdenneɛ nyinaa ya n’anim, na ɔmaa asaase ne bɛ a bɛtete so koto aboa a odi kane a bɛasa ne wuopira he.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


Nso bibiaa a ho nte nkɔ kuro he mu. Saa ara ne bi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa odi atorɔ nkɔ mu. Bɛ a bɛatwerɛ bɛ dini ahyɛ Dwammaa he nkwa nwoma he mu he nkoaa na bɛbɛkɔ kuro he mu.


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


Na deɛ odi nkunim he bɛbɛhyɛ no ataade-fitaa, na mempopa ne dini mfiri nkwa nwoma he mu. Mɛbɔ ne dini ahyɛ no animuonyam m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


a na bɛɛto nnwom dendene sɛ, “Adwamaa a bekuu no he fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔdene ne anidie ne animuonyam ne nhyira!”


Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”


Afei mehuu sɛ adwamaa he ate nsɔano nson he mu nea odi kane he ano, na metee sɛ ateasefoɔ nnan he mu baako de nne a ɔte sɛ apranaa ɔɔka sɛ, “Bra!”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ