Na besii ntomadane he mu pie, mekyerɛ deɛ bedi kane wuram ansa na bɛawura nea ɔtɔ so mmienu he mu. Saa dane yi mu ne na kaneadua, didi-pono ne Kyerɛ-paanoo he ya; hɔ ne bɛfrɛ no Kronkronbea he.
Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.
Na metee nne dendene bi firi ahennwa he so sɛ: “Hwɛ! Nyankopɔn ntomadane ya nnipa mu. Ɔne bɛ bɛtena na bɛayɛ ne mane. Na Nyankopɔn he ankasa ne bɛ bɛtena
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”
Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na mehuu nnipakuo a biaa ntumi nkane bɛ dodoɔ a befiri amane ne mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa nyinaa mu a begyinagyina ahennwa he ne Adwamaa he anim a bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa kitakita berɛɛ.