Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 13:12 - Apam Foforɔ

12 Na ɔwɔ aboa a odi kane he ahoɔdenneɛ nyinaa ya n’anim, na ɔmaa asaase ne bɛ a bɛtete so koto aboa a odi kane a bɛasa ne wuopira he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 13:12
12 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.


Aboa a mehuu no he, na ɔte sɛ sebɔ a ne nane te sɛ sisire, na n’ano nso te sɛ gyata ano. Na tweaseɛ he de ɔno ankasa ne tumi ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa aboa he.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


Na gya he wusie a ɔhyɛ bɛ aniɔyeyaa he foro kɔ soro daa daa. Na bɛ a bɛsomm aboa he ne ne sɛso honyini he onnya home biaa, awia anaa anadwo.”


Bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa dii bɛ akyi teaam kaa sɛ, “Biaa a ɔsom aboa he ne ne sɛso honyini a na ɔma bɛhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyinaeɛ


Bɔfoɔ a odi kane he kohwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asaase so. Akuro a ohu na ɔyeya tutuu bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ ho agyinaeɛ he ne bɛ a bɛsomm ne sɛso honyini he nso.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ