Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 13:10 - Apam Foforɔ

10 Biaa a ɔsɛ sɛ bɛkye no he, bɛbɛkye no. Biaa a ɔsɛ sɛ beku no nkrantɛ ano he, bebeku no. Yei mu ne ahoteefoɔ boasetɔ ne gyidie ho hia.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 13:10
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu; na bɛ a bɛtwe sekane he nyinaa bewu sekane ano.


Na atɛne a hobu he ɔnoaa ne bɛde bebu ho, na deɛ wode susu he, ɔno ne bɛde besusu ama ho.


Na ahoɔdene a ofiri n’animuonyam tumi nyinaa mu mma honyɛ dene, na ama hoanya boasetɔ ne abodwokyɛre nnoɔma nyinaa mu, ya anigyeɛ mu,


na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he.


Yei nti ne ɔsɛ sɛ Nyankopɔn nkurofoɔ ne bɛ a bedi Nyankopɔn mmara so na bɛgye Yesu di he nya boasetɔ he.


Na bɛahwie Nyankopɔn ahoteefoɔ ne adiyifoɔ mogyaa agu, nti woama bɛ mogyaa sɛ bɛ nom. Nea ɔfata bɛaa ne beenya yi.”


Aboa he a nka na ɔte ase he na afei deɛ ɔnte ase he yɛ hene a ɔto so nwɔtwe a ɔka nson a bedi kane he ho a ɔɔkɔ ne sɛeɛ mu.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


“Menim wo nnwuma. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne wo boasetɔ. Menim sɛ wooyɔ adwuma sene kane he.


“Menim wo nnwuma. Menim nsiyɛ a wode ayɔ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔnyɛfoɔ, na afei woasɔ bɛ a bɛfrɛ bɛ ho asomafoɔ nso bɛnyɛ bi he ahwɛ, na woahu sɛ bɛyɛ atorɔfoɔ.


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ