Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.
adiyie a ɔboro so he nti. Nso sɛ ɔbɛyɔ a memma mabati so mma no mmoro so nti bɛama me Satan bɔfoɔ bi a ɔte sɛ kasɛe a ɔhyɛ me honam mu sɛ ɔmma me tim ɔnyɛ me dɛ mmoro.
Na ɔsɔɔ Nyankopɔn a nnoɔma nyinaa yɛ ne dea na ɔnam ne so baeɛ he ani sɛ ɔde mma bebree bɛba animuonyam mu, mmerɛ a bɛ nkwagyeɛ safohene he nam amanehunu mu bewie pɛyɛ.
Nso berɛ a bɔfo-panyini Mikael ne bronsam ɔɔpere Mose amu so a akasakasaa sii bɛ ntam he mpo, bɔfoɔ Mikael anyɔ n’adwene sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛne, na mmom asɛm a ɔkaeɛaa ne sɛ, “Awurade nka w’anim!”
Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.