4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe.
Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.
Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.
Aboa a mehuu no he, na ɔte sɛ sebɔ a ne nane te sɛ sisire, na n’ano nso te sɛ gyata ano. Na tweaseɛ he de ɔno ankasa ne tumi ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa aboa he.
Nnipa nyinaa som tweaseɛ he efiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa he. Bɛsom aboa he nso kaa sɛ, “Hwane ne te sɛ aboa he? Na hwane ne betumi ne no ako?”
Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu.
Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa.
Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ.
Po he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako danee mogyaa. Na abɔdeɛ a bɛwɔ nkwa a bɛya po mu he, bemu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛne mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako nso sɛeɛ.