Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.
Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ.
Na betiatiaa nsa-kyi-amena he so kuro he akyi, na mogyaa firii nsa-kyi-amena he mu taa hɔ foro koduru bɛyɛ sɛ apɔnkɔ nnareka ho, na ɔtenee kɔɔ bɛyɛ nkwansini ha aduowɔtwe nnan.
N’amanehunu he hu a ɔyɛ nti, bebegyina akyirikyiri asu sɛ, “Due! Due! O! kuro kɛseɛ, O Babel, kuro a ɔwɔ tumi. Hwɛ! dɔnhwere baako pɛ mu, na w’atemmuo aba.”
Ɔteaam dendenndene sɛ, “Wahwe ase! Babel kɛseɛ ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa nso atenaeɛ. Nnomaa fi a bekyiri bɛ nyinaa te ne mu.
Afei bɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa boɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ ayuyammoɔ to twenee po mu kaa sɛ, “Saa ahoɔdene yiaa ne bɛde bɛto Babilon kɛse he atwene fam a bennhu no bio.