7 Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔka nkyerɛ saa dadaafoɔ he sɛ, ‘Hwɛ, meetu ahonhommɔne na masa yadeɛ nnɛ ne kyena, na n’adekyeɛ he mawie.
Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ bɛ mmma bemfiri ne mu nkɔ bunu he mu.
Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.
Na Yesu gyee nsa he, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Osii ne ti ase, na ogyaam.
Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.
Maakõ kõ pa he, maawie mmirika he tu, maakura gyidie he mu.
Mɛsoma m’adansefoɔ mmienu a befirafira ayitoma, na bɛaka adiyisɛm nna apem ahanu ne aduosia.”
Na tweaseɛ he bo fuu baa he, na okotuu n’asefoɔ nkaeɛ a bedi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na bekura Yesu adanseɛ he so sa.
Afei mehuu aboa foforɔ a oopie afiri asaase mu. Na ɔwɔ mmɛne mmienu te sɛ adwamaa, nso na ɔkasa te sɛ wɔ.
Bɛmaa no kwane maa ɔne ahoteefoɔ koeɛ sɛ obedi bɛ so. Na bɛmaa no mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa hodoɔ ne amane nyinaa so tumi.