Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 11:18 - Apam Foforɔ

18 Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 11:18
48 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


efiri awoɔ ntoatoasoɔ so kosi awoɔ ntoatoasoɔ so he, ohu bɛ a besuro no he mmɔbɔ.


Na sɛdeɛ ɔda hɔ sɛ nipa bewu prɛko, na wuo he akyi atemmuo ya hɔ he,


Na sɛ bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛ ne totorobɛnto he a, ne Nyankopɔn bewie n’ahintasɛm mu nhyehyɛeɛ he, sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ a bɛyɛ adiyifoɔ he.”


Nso mfa asɔredane he mfikyiri nka ho, efiri sɛ, bɛde hɔ ama amanamane mufoɔ, na bebetiatia kuro kronkron he so abosome aduannan mmienu.


Biaa a ɔsɛ sɛ bɛkye no he, bɛbɛkye no. Biaa a ɔsɛ sɛ beku no nkrantɛ ano he, bebeku no. Yei mu ne ahoteefoɔ boasetɔ ne gyidie ho hia.


Afei aboa he hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, bɛ a bɛde bɛ ho ne nkoa sɛ bɛnhyɛ bɛ nsa nifa ho ne bɛ moma so agyinaeɛ.


he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.


Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.


Afei ateasefoɔ nnan he mu baako maa abɔfoɔ nson he sikakɔkɔɔ nkuruwaa nson a, Nyankopɔn a ɔte ase daa daa he abufuo ahyɛ no ma.


Sɛnea ɔyɔɔ ho he, honyɔ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɔɔ ho biaa he, hontua no so ka mprenu. Nsa a ɔde maa ho he, honhyɛ no bi a ano ɔdene mmɔho mmienu.


Afei nkrantɛ nnamnnam a ɔde bedi amane so firi n’anum baeɛ. Ɔde dadeɛ poma ne bedi bɛ so. Obetiatia Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ he abufuo a ɔdene he nsa-kyi-amena he so.


Hommedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne bɛ a bɛtete bɛ so nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”


Afei nne bi firi ahennwa he so baa sɛ, “Honkamfo yɛ Nyankopɔn, ho a hoyɛ ne nkoa, ne ho a hosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nkumaa!”


Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he.


Na biaa a bɛantwerɛ ne dini nkwa nwoma he mu he, bɛtoo no twenee gya tadeɛ he mu.


“Hwɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba! Na mekita m’akatua sɛ mede bra biaa sɛnea n’adwuma teɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ