Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 11:17 - Apam Foforɔ

17 kaa sɛ: Yɛda wo ase, Awurade Nyankopɔn a woyɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a na woya hɔ firi tetentredee, na woya hɔ nnɛ nso, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 11:17
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Mene ahyɛaseɛ ne awieeɛ,” Awurade Nyankopɔn ne ɔɔka, ɔno ne ya hɔ seesei na ɔya hɔ firi tetentredee na ɔya hɔ daa, ade nyinaa so tumfoɔ, he.


Metee sɛ bɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so he ɔɔka sɛ, “O Kronkronni a wotene, na woya hɔ, na woya ha firi tetentredee, w’atɛne a wobuiɛ he yɛ atɛntenenee.


Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm nne, ne nsuo nworosoɔ ne apranaa a ɔɔpaepae a ɔɔteam sɛ, “Haleluya! Yɛ Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene.


Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,


Afei mehuu sɛ soro abie a pɔnkɔ fitaa ya hɔ. Na nea ɔte ne so he dini de “Ɔseadeɛyɔ ne Nɔkwafoɔ,” na tenenee ne ogyina so bu atɛne ko ne ko nso.


Na metee sɛ nne bi firi afɔrebokyia he mu a ɔdɛ: Ɛɛ! Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nɔkorɛ ne tenenee.


Bɛyɛ ahohommɔne a bɛyɔ anwanwadeɛ. Saa ahohom mmeɛnsa yi kɔɔ ahene a bɛya asaase so nyinaa nkyɛne kɔka bɛ nyinaa boa ano ma Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ he mu ko he.


Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,


Saa dɔno heaa mu he, anigye hyɛɛ Yesu mã Honhom Kronkron mu, na ɔkaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ, efiri sɛ yeinom ahinta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa. Ɔyɛ ampa, Agya, efiri sɛ ɔyɛ wo pɛ sɛ ɔba saa.


Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Aseda nka Nyankopɔn a ɔnam n’akyɛdeɛ a onni kabea he nti.


Nso aseda nka Nyankopɔn a odi yɛ asɛm daa ya yɛ ne Kristo nkunimdie santene he mu; ɔma yɛ so ma bɛte ne nimdeɛ hwa ya baabiaa.


Nti beyii boɔ he hɔ. Na Yesu hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Esiane yei nti, n’amanehunu bɛba ne so da bi, yadeɛ, awerɛhoɔ ne kɔm, na bɛde gya ahye no; efiri sɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛne he yɛ hoɔdenfoɔ.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ