Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 11:10 - Apam Foforɔ

10 Asaase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa mmienu he awuwu. Bɛbɛgye bɛ ani na bɛakyɛ bɛ ho akyɛdeɛ, efiri sɛ, saa adiyifoɔ mmienu he ne bɛde haw bɛtoo asaase sofoɔ so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 11:10
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.


Nɔkwasɛm paa ne sɛ, hobesu atwa agyaadwoɔ, nso wiase ani bɛgye. Hobedi awerɛhoɔ nso ho awerɛhoɔ he bɛdane anigyeɛ.


Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Berɛ a bɛtee yei he, ɔwɔɔ bɛ yie na bɛpɛɛ sɛ beku bɛ.


n’ani nnye bɔne ho, na mmom n’ani gye nɔkorɛ ho.


Mmerɛ a tweaseɛ he huu sɛ bɛato no atwene asaase so he, ɔtaa baa a wawo abeemaa he.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


Afei bɔfoɔ a ɔto so num he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu aboa he ahennwa he so. Sum duruu aboa he ahemmane mu, na osiane yeya nti, nnipa wee bɛ kɛtrɛma,


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ