Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 10:6 - Apam Foforɔ

6 na ɔde deɛ ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asaase ne po ne nea ɔya mu nyinaa he dini kaa ntam. Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Bɛntwentwɛne bɛ nana ase bio.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 10:6
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


Nti ho a hote soro homma ho ani nnye. Afei asaase ne po nnue! Efiri sɛ, Bronsam he atoa ho, na ne bo afu efiri sɛ, onim sɛ, ne mmerɛ a aka sua!”


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu mframa mu. Na nne dendene bi firi ahennwa a ɔya asɔredane he mu kaa sɛ, “Bɛawie.”


Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa.


Sɛ bɛyɔ saa a, mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutu nea ɔte ahennwa he so he anim sɔre nea ɔte hɔ daa daa he. Betu bɛ ahenkyɛ gu ahennwa he anim ka sɛ,


“Yɛ Awurade ne Nyankopɔn; wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, efiri sɛ, wo ne wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ mu nti na bɛya hɔ, ne bɛbɔeɛ.”


Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase.


Bɛmaa bɛ mu biaa ataade tentene fitaa, na bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛntwɛne kakra nkosi sɛ bɛ mfɛfoɔ asomfo ne bɛ nuanom a bebekuku bɛ sɛnea bekuu bɛ he bɛba abɛka bɛ ho ama bɛ dodoɔ awie pɛyɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ