Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 10:5 - Apam Foforɔ

5 Hɔaa, bɔfoɔ a mehuu sɛ ogyina hɔ a ne nane baako si po so na baako nso si asaase so he maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 10:5
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.


efiri sɛ menenam kuro he mu na mehwɛɛ nnoɔma a hosom he, mehuu afɔrebokyia bi a bɛatwerɛ ho, ‘Yei yɛ Nyame Bi a Yennim No Dea.’ Nti nea hosom a honnim no he, ɔnoaa ne meeka ne ho asɛm akyerɛ ho yi.


Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa;


Mmerɛ a Nyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ he, esiane sɛ na bi nni hɔ a ɔsõ sene ɔno Nyankopɔn a ɔde no bɛka ntam nti, ɔno Nyankopɔn ankasa kaa ne ho ntam,


Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa.


Na nwoma ketewa bi kita no a wabie mu. Ɔde ne nane nifa sii po so a na benkum he nso si asaase so.


Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu mframa mu. Na nne dendene bi firi ahennwa a ɔya asɔredane he mu kaa sɛ, “Bɛawie.”


“Yɛ Awurade ne Nyankopɔn; wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, efiri sɛ, wo ne wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ mu nti na bɛya hɔ, ne bɛbɔeɛ.”


Saa ateasefoɔ nnan he to nnwom de hyɛ nea ɔte ahennwa he so a ɔte hɔ daa daa he animuonyam de ma no anidie da no ase.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ