1 Afei mehuu bɔfoɔ tumfoɔ bi a ofiri soro oosiane ba fam. Na ɔhyɛ mununkum mu a nyankontɔno bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ awia, na ne nane te sɛ gya fadum.
Na oduruu awigyina he, me wura Nimuonyamfoɔ, mehuu hann bi a ano ɔdene sene awia sɛ ahyerɛn firi soro atwa me ne bɛ a bɛne me ɔɔkɔ he ho ahyia kwane he so.
Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!
Afei bɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa boɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ ayuyammoɔ to twenee po mu kaa sɛ, “Saa ahoɔdene yiaa ne bɛde bɛto Babilon kɛse he atwene fam a bennhu no bio.
Na mehuu kɔdeɛ bi sɛ a watu nam sorosoro, na metee sɛ ɔɔteam sɛ, “Bɛ a bɛte asaase so he nnue; honnue, honnue ɔnam totorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmeɛnsa he ɔɔbɛhyɛne he nti.”