5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he
Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.
Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”
Kristo ne Nyankopɔn de no asi hɔ sɛ ne mogyaa he nyɛ mpatadeɛ a nipa nam gyidie so ne nya mu kyɛfa; na Nyankopɔn de ayi ne tenenee adi sɛ nnebɔne a bɛyɔɔ no kane he, ɔnam ne boasetɔ so abu n’ani agu so;
na ɔnyɛ me ne mete ase bio, na mmom ɔyɛ Kristo ne te me mu, nɔkwasɛm ne sɛ m’ase a mete no honam mu seesei yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho maa me he mu gyidie mu.
Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?
ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?
Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”
“Menim sɛ faako a wote he, hɔ ne Satan ahennwa si, nso wokuraa me dini mu, na woampa me gyidie, nna a bekuu me danseni nɔkwafoɔ Antipa a na ɔne ho ya hɔ, deɛ a Satan te he.