Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Adiyisɛm 1:2 - Apam Foforɔ

2 Na Yohane dii adanseɛ faa Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo ne nea ohuiɛ nyinaa ho.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Adiyisɛm 1:2
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehuu Honhom he sɛ ofiri soro ɔɔba sɛ abuburo abesi ne so


Na nnipakuo a na bɛya hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na onyane no firi wuom he kɔɔ so dii adanseɛ.


(Na nea ohuiɛ he adi adanseɛ yi sɛnea ɔbɛyɛ a wo nso wobɛgye adi. N’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, na onim sɛ nea ɔɔka he yɛ nɔkorɛ.)


Yei ne suani a oodi nnoɔma yi ho adanseɛ na watwerɛ yeinom, na yenim sɛ adanseɛ a odi he yɛ nɔkorɛ.


Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, “Nea yenim ne yɛka, na nea yɛani ahu ne yedi ho adanseɛ, nso honnye yɛ adanseɛ he nni.


efiri sɛ wobedi nea woahu na woate he ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa ama no.


Afei, sɔre gyina. Na yei nti ne mama woahu me, sɛ meeyi wo sɛ somfoɔ ne adansefoɔ nea woahu ne nea mɛma woahu afa me ho nyinaa ho.


Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”


Na me nso, anuanom, berɛ a mebaa ho nkyɛne he, mamfa nyansa a ɔtra so ne bɛkaa Nyankopɔn ahintasɛm he.


Nea na ɔya hɔ firi mfitiaseɛ, nea yɛate, nea yɛde yɛ ani ahu, nea yɛhwɛɛ no yie na yɛde yɛ nsa kaeɛ a ɔfa nkwa asɛm he ho he,


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Demetrio deɛ, nnipa nyinaa ne nɔkorɛ he ankasa di ne ho adanse-pa. Na yɛ nso yedi ne ho adanse-pa na honim sɛ nea yɛka he yɛ nɔkorɛ.


Ɔkaa sɛ, “Twerɛ bibiaa a wohu gu nwoma mu, na fa nwoma he kɔma asafo ahodoɔ nson yi: Deɛ ɔya Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.”


Nti afei twerɛ nnoɔma a wohu; nea wohu no seesei ne nea ɔbɛba akyire he.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.


Na tweaseɛ he bo fuu baa he, na okotuu n’asefoɔ nkaeɛ a bedi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na bekura Yesu adanseɛ he so sa.


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho nyinaa. Amen.


Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ