1 Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.
Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”
Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”
Na mehuu Kuro Kronkron a ɔyɛ Yerusalem foforɔ sɛ osiane afiri soro afiri Nyankopɔn nkyɛne ɔɔba fam, a bɛasiesie ne ho sɛ ayeforɔ a bɛahyehyɛ no ama ne kunu.
Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”
Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ a wode wo ho to so a, ɔyɛ. Na Awurade Nyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ he somaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɔbɛba nnansa yiaa he.
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyɔ saa, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne bɛ a bedi nwoma yi mu nsɛm mu he soaa pɛ. Nyankopɔn nkoaa ne koto no sɔre no!
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”