8 Saulo sɔre firii fam, na n’ani gu so deɛ, nso na onhu hwee. Nti bɛsosɔɔ ne nsa de no kɔɔ Damasko.
Afei tie! Awurade nsa ya me so, na w’ani befira, a wonhu awia hann kosi berɛ bi.” Amonom hɔaa Bar-Yesu ani so yɛɛ no kusuu na sum duruu no, na okyini hwehwɛɛ nnipa a bɛbɛsɔ ne nsa akyerɛ no kwane.
Na esiane sɛ na hann he hyerɛn kɛse paa nti, manhu hwee, na bɛ a me ne bɛ nam he sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.
Na amonom hɔaa bibi a ɔte sɛ ntɛ fifiri n’ani so guu fam na ohuu adeɛ, na ɔsɔree ma bɛbɔɔ no asu,
Na wanhu hwee nnansa, wannidi na wannom nso.
Damasko hɔ ne Hene Areta amrado wɛnee Damaskofoɔ kuro he sɛ ɔɔpɛ me akye me;
Saa nso ne mankɔ asomafoɔ a na bɛadi kane ayi bɛ dada he nkyɛne Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia ntɛm pa so, na akyire he, mesane baa Damasko.