3 Afei ɔnam kwane he so ɔɔkɔ a ɔbene Damasko he, mpofiremuaa hann bi firi soro hyerɛn twaa ne ho hyiaeɛ.
“Na meekɔ a meeyɛ aduru Damasko, berɛ a na abɔ bɛyɛ awia dummienu he, mpofiremuaa, hann kɛseɛ bi hyerɛn firii soro twaa me ho hyiaeɛ,
Nti Anania kɔeɛ na ɔhyɛne fie he mu, na ɔde ne nsa guu no so kaa sɛ, “Me nua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwane a na wonam so ɔɔba so he ne asoma me, sɛnea ɔbɛyɛ a wobehu adeɛ bio na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma.”
Nti Barnaba boaa no de no kɔɔ asomafoɔ he nkyɛne, na ɔkaa sɛnea ɔde akokoɔduro akasa Yesu dini mu Damasko he ho nsɛm nyinaa kyerɛɛ bɛ.
Deɛ otwa toɔ he, me ne oyii ne ho adi kyerɛɛ me a me te sɛ deɛ bɛapatu awo no.
Menne me ho anaa? Menyɛ somafoɔ anaa? Menhuu Yesu yɛ Awurade he anaa? Honnyɛ m’adwuma so aba Awurade mu anaa?
Ɔno nkoaa ne wɔ anwuda tebea na ɔte hann a bi ntumi nkɔ ho, nea biaa nhu no da na biaa ntumi nhu no; ɔno ne anidie ne daa tumidie wɔ no. Amen.
Na kuro he nhia awia anaa bosome hann, efiri sɛ, na Nyankopɔn animuonyam hyerɛn mu, na kuro he kanea ne Dwammaa he.
Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.