Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Asomafoɔ 9:2 - Apam Foforɔ

2 kɔkaa sɛ ɔmma no nkrataa a ɔde bɛkɔ Damasko hyia adane mu, sɛnea ɔbɛyɛ a obetumi akye biaa a obehu sɛ ɔnam gyidie Kwane He so, mmeema ne mmaa, de bɛ aba Yerusalem.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Asomafoɔ 9:2
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Na bɛakyerɛkyerɛ no Awurade kwane so, na esiane sɛ na Honhom ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ, nso na Yohane asubɔ he nkoaa ne onim.


Saa bere no sakasaka kɛseɛ bi sɔreeɛ a na ɔfa gyidie Kwane He ho.


Nso berɛ a binom prim bɛ akoma na bɛannye anni, na bɛkekaa gyidie Kwane He ho nsɛmmɔne nnipadɔm he anim he, ɔtwee ne ho yii asuafoɔ he firii bɛ mu, na daa na ɔka asɛm Tirano suadane he mu.


Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di.


Nso esiane sɛ na Felike nim Kwane he ho asɛm yie nti, otuu nkurofoɔ he nsɛm he hyɛɛ da kaa sɛ, “Berɛ biaa sahene Lisia bɛba he, mebu nsɛm yi ho atɛne.”


na saa pɛpɛɛpɛ ne meyɔeɛ Yerusalem, na menyaa tumi firii asɔfo mpanyimfoɔ he hɔ de ahoteefoɔ bebree guu afiase, na sɛ beeku bɛ a mefoa so.


“Berɛ a megu so ɔɔyɔ yie he mede tumi ne ahyɛdeɛ a menya firii asɔfoɔ mpanyimfoɔ hɔ he siim sɛ meekɔ Damasko.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Ɔno ne de anifire dii yɛ abusua na ɔhyɛɛ yɛ nananom sɛ bɛnto bɛ mmɔfra ngu ma benwuwu.


Afei waanya tumi afiri asɔfoɔ mpanyini he nkyɛne sɛ ɔmfa bɛ a bɛbɔ wo dini he nyinaa ngu mpokyerɛ mu.”


Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?”


Damasko hɔ ne Hene Areta amrado wɛnee Damaskofoɔ kuro he sɛ ɔɔpɛ me akye me;


Saa nso ne mankɔ asomafoɔ a na bɛadi kane ayi bɛ dada he nkyɛne Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia ntɛm pa so, na akyire he, mesane baa Damasko.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ