9 Afei na beema bi ya kuro he mu a bɛfrɛ no Simon, a na oyi nkonyaa ma Samaria mane he ho dwirii bɛ, na ɔka sɛ ɔyɛ nipa kɛseɛ.
Bɛ a bɛbɔ betim kasa he hwehwɛ bɛ ankasa bɛ animuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no he animuonyam he yɛ nɔkwafoɔ a nea ɔntene biaa nni ne mu.
Berɛ a bɛfaa supɔ he so koduruu Pafo he, behyiaa Yudani beema bi a ɔyɛ nkonyaayifoɔ, diyifoɔ torɔfoɔ bi a bɛfrɛ no Bar-Yesu,
Nso na nkonyaayifoɔ Elima (a Hela kasaa mu bɛfrɛ no Bar-Yesu) ya hɔ; ofirii aseɛ ne bɛ dii asie, pɛɛ sɛ ɔdane amrado he firi gyidie he ho.
Hwɛ, berɛ bi a atwam he Teuda sɔre kaa sɛ “Meyɛ dikanfoɔ titire bi”, na mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ ahanan kɔkaa ne kuo he ho. Nso bekuu no, na bɛ a betiee no nyinaa bɔhweteeɛ ma ne kuo he guiɛ.
Na bɛyɛɛ dinn tie no efiri sɛ na ɔnam nkonyaa so ama bɛ ho adwiri bɛ akyɛre.
Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.
efiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ ho asoɔdenfoɔ, boniayɛfoɔ, bɛ a benni nyamesuro,
bɛde nyamesompa adura bɛ anim nso bɛamfa tumi a ɔyam he nni dwuma. Twe wo ho mfiri saa nnipa yi ho.
Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.
Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.