3 Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase.
Na ne wuranom huu sɛ nea bɛ ani da so a ɔbɛma bɛ mfasoɔ he ahwere bɛ he, bɛsosɔɔ Paulo ne Silas mu twee bɛ kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ he.
Na mekaa sɛ, ‘Awurade, bɛ ankasa benim pefee sɛ na mekye bɛ a bɛgye wo di he gu afiase hwe bɛ hyiadane ahodoɔ mu.
Na bɛde no firii kuro he mu he, befirii aseɛ sii no aboɔ. Na adansefoɔ he de bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ guu abranteɛ bi a bɛfrɛ no Saulo nane ase.
Na mmeema nyamesurofoɔ bi faa Stefano kosiee no, na besuu no pii.
Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?”
Na me ne asomafoɔ he mu kaakyire, na mensɛ sɛ bɛfrɛ me somafoɔ mpo, efiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo.
Menim paa sɛ hoate abrabɔ a medii kane bɔɔ sɛ Yudani he ho asɛm. Metaa Nyankopɔn asafo he maa no traa so, na mebɔɔ mmɔdene sɛ mɛsɛe no koraa.
mmɔdenmmɔ fam he, metaa asafo he; mmara he mu tenenee fam he, me ho nni asɛm biaa.
ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.
Nso hoabu saafoɔ he animtia. Ɔnyɛ wiasefoɔ adefoɔ ne bɛhyɛ ho so he? Ɔnyɛ bɛ ne bɛtwe ho kɔ asennibea he anaa?