51 “Nnipa a hoasene ho kɔno, ho a bentwaa ho akoma ne ho aso twetia, hoko tia Honhom Kronkron daa te sɛ ho agyanom yɔeɛ he.
Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.
Na nea ɔɔyɔ ne yɔnko bɔne he summ no kaa sɛ, “Hwane ne yii wo sɛ yɛ sodifoɔ ne temufoɔ?”
“Ɔyɛ saa Mose yi ne bɛpoo no berɛ a bɛkaa sɛ, Hwane ne yii wo sɛ yɛ sodifoɔ ne temufoɔ?” Ɔno ne afei deɛ Nyankopɔn nam bɔfoɔ a oyii ne ho adi kyerɛɛ no nwuram hɔ he so ɔɔsoma no sɛ sodifoɔ ne gyefoɔ he.
Yɛ nananom anyɛ setie ama no, na mmom bɛpoo no, na bebenya a na nka bɛ ya Misraim,
“Na saa agyanom he aniberee Yosef, na bɛtɔnoo no kɔɔ Misraim. Nso na Nyankopɔn ka ne ho,
Na mmom sɛ wodi mmara he so a twetiatwa ho hia; nso sɛ wobu mmara he so a wo twetiatwa he dane bɛyɛ te sɛnea wontwaa twetia.
Na honnho Nyankopɔn Honhom Kronkron he werɛ, nea bɛde no ahyɛ ho nso ama gyeɛ da he.
Na yɛ ne bɛatwa yɛ twetia ankasa, a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛ ho Kristo Yesu mu na yenni ahotɔsoɔ honam mu he.
Ne mu ne bɛatwa ho twetia a bɛamfa nsa ne twaeɛ, na deɛ ɔya honam nipadua mu a beyi gu hɔ he, bɛayi no Kristo twetiatwa mu.