9 Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.
“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.
“Nso, ansa na yeinom nyinaa bɛba he, nkurofoɔ bɛkye ho, na bɛataa ho, de ho akɔ hyia adane mu ne afiase, atwe ho akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim, me dini nti.
Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.
Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho.
Afei nso, hoahu na hoate sɛnea ɔnyɛ Efeso nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama bɛanya adwene foforɔ, na mmom ɔkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea bɛde nsa ayɔ he nyɛ anyame.
Afei berɛ a nnanson a bɛayi asi hɔ ama ahodwira he ɔɔba awieeɛ he, na Yudafoɔ a befiri Asia huu no asɔrefie hɔ he, befirii aseɛ maa nnipa he yɛɛ gyegyeegye na bɛsosɔɔ ne mu
“Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.
Na metwee bɛ aso mprɛ pii hyia adane nyinaa mu sɛnea bɛbɛka bibi de apo bɛ gyidie. Na esiane m’ani a na abere bɛ so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa bɛ hɔ.